Ɔman Nkyekyereɛ (Nation Building)
From Wikipedia, the free encyclopedia
Ɔman nkyekyereɛ yɛ kwan anaa nhyenhyɛeɛ bi a yɛnam ɔman tumi so de da ɔman no su adi.[1][2] Ɔman nkyekyereɛ botaeɛ ne sɛ ɛbɛma nnipa a wɔwɔ ɔman no mu no ayɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔman no amannyɔsɛm bɛtim na atena hɔ daa. Sɛdeɛ Harris Mylonas kyerɛ a, "Tumidie a mmara bata ho wɔ ɛnnɛ mmerɛ yi mu amanmuo mu ɛne kabi-ma-menka-bi amanmuo wɔ twaka. Ɔman nkyekyereɛ yɛ ɔkwan a wɔfa so ɛde yɛ saa nnipa dodoɔ yi dwumadie nhyehyeɛ."[3] Wɔ Harris Mylonas nhyehyɛeɛ mu no, "ɔman atitiriw de ɔman nkabɔm ho nhyehyɛeɛ mmiɛnsa di dwuma: daberɛ, nteaseɛ a wɔde wɔn ho hyɛ mu, ne nea wɔayi wɔn ho fi mu."[4]
Ɔman nkyekyereɛ yɛ ɔman bi a ɛmu nnipa fa aban nhyehyɛeɛ so ma ɔman no mu nnipa nya nkɔsoɔ, ebi ne asraafoɔ a wɔbɛgye wɔn ne ɔman no nhyehyeɛ a wɔwɔ ma nnipa dodoɔ nimdeeɛ a ɛfa nnwomasua ho.[5][6][7] Ɔman nkyekyereɛ bɛtumi ayɛ nsɛmmɔnedie anaa nnwuma atitiriw a wɔde bɛyɛ adwuma de aboa ama asetena mu nkɔsoɔ ne sikasɛm nso akɔ n'anim. Sɛnea Columbia Sukuupɔn mu asetena ho ɔbenfo Andreas Wimmer kyerɛ no, nneɛma mmiɛnsa na ɛtaa kyerɛ sɛdeɛ ɔman nkyekyereɛ no bɛdi nkonim wɔ berɛ tenten mu: "ɔmanfoɔ ahyehyɛdeɛ ahodoɔ a ɛba ntɛm, ɔman a ɛtumi de ɔmanfoɔ nneɛma kɔ aman foforɔ so ma pɛpɛɛyɛ ba , ne kwan a wɔfa so di nkitahodie ma nkabɔm ba."[8][9][10]