Adinkra Ahyɛnsodeɛ
From Wikipedia, the free encyclopedia
Adinkra yɛ ahyɛnsodeɛ a egyina hɔ ma nimdeɛ anaa nsɛmfua bi. Mpɛn pii no, ntoma ne nneɛma a yɛde dɔteɛ ayɛ bi ti sɛ, ayowa, kukuo ne nea ɛkeka ho na, Adinkra ahyɛnsodeɛ yi di dwuma paa wɔ mu. Nnipa a na kane no wɔde adinkra de dwuma yiye paa yɛ Asantefoɔ ne Baoulefoɔ a, wotu firi Ghana kɔ bɔɔ adwaa wɔ bɛɛbi foforo. Afei nso, Adinkra ahyɛnsodeɛ yi bɛdii tintinman wɔ wɔn adansie nnwuma nyinaa mu.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sɛ woba Akan man mu a, yɛde Adinkra toto ahenefo nkonya ho ɛne nneɛma a yɛde sika kɔkɔɔ ayɛ. Afei nso nkonya a yɛde di dwuma wɔfie ne nea nananom ahenefo de di dwuma wɔ wɔn nsɔneɛso no, wobehu adinkra ahyensodeɛ wɔ ho. Nsrahwe ama ɛneɛ adinkra dwuma a na kane no ɛdi no asesa koraa. Seisei, wobehu adinkra ahyɛnsodeɛ wɔ yɛn konmuade ho, nneɛma a yede toto y3nsa, yɛn ntaade mu,yɛn sine twa mu ɛne yɛn nnwuma bebree mu. Adinkra a yedi dwuma beberee no mpenpii no ɛkasa kyerɛ yɛn. Akanfoɔ bu bɛ bi sɛ "Oba nyansafoɔ, yɛbu no bɛ na yɛnka no asɛm". Ne saa nti, yɛbetumi aka sɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no yɛ nyansa kasa bi a yɛn nananom fa so di dii nkɔmo na nne nyinaa, saa nimdeɛ tetefoɔ no di baeɛ no guso wɔ nfasodeɛ bebree.
Wɔdi ahyɛnsodeɛ yi yɛ nseisei nnwuma beberee nanso ɛyɛ adeɛ a ɛsan gyina hɔ ma wɔn nimdeɛ, wɔn gyideɛ ɛne ɔkwan a wɔfa so hunu ɛwiase. Adinkra ahyɛnsodeɛ no gu mu ahodoɔ beberee na ɛmu biara nso wɔ ne kyerɛ aseɛ a mpɛnpii no ɛyɛ abɛbuo. Owura Kwame Anthony Appiah, a ɔwɔ nimdeɛ wɔ Adinkra adesua mu kyerɛmu sɛ, adinkra yɛ kwan baako a Akanfoɔ faso de wɔn gyidie ne nsunsueɛ to dwa.[1]