Fela Kuti na ɔkyerɛwee
From Wikipedia, the free encyclopedia
Fela Aníkúlápó Kuti Olufela Olusegun Oludotun Ransome-Kuti ; wɔwoo no wɔ Ahinine bosome no da a,ɛtɔso 15 wɔ mfie 1938[1] wɔ Ɔsanaa bosome no, ne da a ɛtɔso mmienu (2) wɔ mfie 1997 no mu na ɔsanso frɛ no Abami Eda, yɛ Nigeriani nnwontoni, ɔpanin a ɔda nnwomtofoɔ kuo ano, ɔsanso yɛ nnwom hyehyɛfoɔ, amamyoɔnsɛm mu ɔbenfoɔ, ne Pan Africanist. Wobu no sɛ ɔyɛ Panin a ɔyɛ Afrobeat nnwomtoni, Nigeriafoɔ nnwom nkorabata a ɛka Abibirem Atɔeɛ Aman no nnwom ne Americafoɔ nnwom a yɛ frɛ no Jazz ne Funk bom.[2] Wɔ mmerɛ na ɔregye ne din paa ara no, na wɔka ne ho nsɛm sɛ Africa anaa sɛ Abibiman mu nnwontoni a ne ho yɛ den na ne suban a ɔdan no adi wɔ ne nnwomtoɔ mu no yɛ soronko.[3] Allmusic nso daa no adi sɛ "nnwom ne asetena mu amammunsɛm nne" a ɛho hia wɔ amanaman ntam.[4]
Ná Kuti yɛ Nigeriani baa Funmilayo Ransome-Kuti a a ɔhwɛ mmaa yiedie ne pɛripɛriyɔ ahodoɔ soɔ no ba barima. Mmerɛ a onyaa suahu ahodoɔ a edi kan wɔ amannɔne akyi no, ɔne ne nnwontofoɔ kuo a yɛ frɛ wɔn sɛ Africa 70 (ne nsankubɔfoɔ ne nnwom kwankyerɛfoɔ a ne din de Tony Allen pɛgyaa wɔn mu so kɔɔ suro sɛ nsoroma wɔ wɔn nnwomtoɔ dwumadie mu maa amannsan nyinaa hunuu wɔn ɛwɔ Nigeria man no mu wɔ mfie 1970 no mu, mmerɛ a na ɔyɛ ɔkasatiafo a ɔkasa tia nsɛm pefee maa Nigeria asraafoɔ mpaninfoɔ de wɔn ani sii so no .[4] Wɔ 1970 mu no, ɔtee ɛkuo bi a na wɔn din de Kalakuta Republic commune a wɔ dan n'adi sɛ pefee sɛ w'ate ne ho afiri asraafo abae ho. Wɔsɛee ɛkuo no wɔ afe 1978 no mu a wɔde ntua bi a epirapiraa Kuti ne ne maame.[5] Muhammadu Buhari aban de no too efiase wɔ afe 1984 mu, nanso wogyaee no wɔ abosome 20 akyi. Ɔkɔɔ so ara yɔɔ nnwom na ɔtɔɔ nnwom kosii afe 1980 ne 1990 mfe no mu. Efiri saa mmerɛ a owueɛ wɔ afe 1997 mu no, ne ba barima Femi Kuti na ɔhwɛɛ ne nnwom no so na ɔsanso kekaa deɛ aka no nyinaa boaboa ano hwɛɛ so.[4]