From Wikipedia, the free encyclopedia
Aisha Somtochukwu Yesufu (wɔwoo no wɔ Ɔpɛnimaa bosome a ɛtɔ so du mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmiɛnsa mu) yɛ Nigerianii ɔbaa a ɔboa ma dwumadie bi kɔ so ɛna ɔsane yɛ nnwuma pii. Ɔka ho na wɔtee #BringBackOurGirls anamɔtuo, a Boko Haramfoɔ bɛfaa mmaa pii bɛyɛ ahanu a wɔwɔ ntoasoɔ wɔ Chibok, Nigeria wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ so du nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu. Ɔde ne ho hyɛɛ anamɔtuo bia wɔfrɛ no End SARS mu a wɔsɔre tiaa Nigeria Polisifoɔ a wɔde ɔhyɛ baa wɔnsoɔ.[1]
bɔbeasu | female |
---|---|
ɔman a ofiri mu | Nigeria |
din a wɔde ama no | Aisha |
abusua din | Yesufu |
da a wɔwoo no | 12 Ɔpɛnimma 1973 |
beae a wɔwoo no | Kano State |
languages spoken, written or signed | Brɔfo, Nigerian Pidgin |
n'adwuma | businessperson, social activist |
educated at | Usmanu Danfodiyo University, Ahmadu Bello University, Bayero University Kano |
religion or worldview | Nkramosom |
movement | Bring Back Our Girls, End SARS |
abasobɔde a wonyae | BBC 100 Women |
wɔn wɛbsaet | https://www.aishayesufu.org/ |
personal pronoun | L484 |
Wɔwoo Aisha Somtochukwu Yesufu wɔ Kano States na wɔtetee no wɔ hɔ, [2]na ɛwɔ Agbede a ɛwɔ Edo State. [3]Ɔbɛbrɛɛ ɛnam sɛ ɔyɛ ɔbaa wɔ mpɔtam a na mmarima nkoa wɔ.[4] Ɔkaa sɛ berɛ a na wadi mfeɛ du baako no, na ɔnni nnamfonom a wɔyɛ mmaa ɛfiri sɛ na wɔ nyinaa aware na ebi nso awu wɔn mmɔfra berɛ mu, ɛna berɛ a ɔdii mfeɛ aduonu nan s ɔwareeɛ no na na ne nnamfonom pii noa yɛ mmerewa. [4]Ɔse ɛnam na ɔpɛ nnwoma nti ɛboa no ne mmɔfra berɛ mu, ɛna akenkan nso boaa no hunuu sɛ " yɛwɔ wiase a ɛboro tokuro bi a na ɔnyini wɔm ɛna na ɔpɛ saa abrabɔ no". [5]Ɔpɛɛ kwan wɔ Nigerian Defence Academy wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako, nanso ɛnam sɛ na ɔyɛ ɔbaa nti wɔbɔɔ no san yɛ. [5]Afei deɛɔkɔɔ Usmanu Danfodiyo suapɔn wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu, nanso wɔtoo sukuu nom no, ɔkɔɔ Ahmadu Bello suapɔn kɔsuaa medicine. Yesufu firii Ahmadu Bello suapɔn berɛ a wɔsane too saa suapɔn nom biom, ɛnam sɛ wɔkuu okunini bi wɔ afe apem ahankron ne aduokron nan. Ɔwiee ne nnwomasua wɔ Bayero University Kano a ɔwiee ne degree wɔ microbiology mu.[6]
Na ɔka BBC mmaa ɔha wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu.[7]Na Yesufu ka abibifoɔ mmaa ɔha a wɔdi mu wɔ New African koowa nkrataa mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu.[8]
Yesufu waree ne kunu Aliu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nnwɔtwe. [9]Wɔm wɔ mma mmienu.[10]
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.