Roger Federer
From Wikipedia, the free encyclopedia
Roger Federer ((pronounciation of "Roger Federer" (help·info))federer) (08. 08. 1981) yɛ obi a ɔbɔ tennis. Roger efiri Switzerland.[1] Federer asi akan wɔ mmarima tennis akansie mu mprɛ beberee a ɛmu beberee no ara na ɔdi mu nkunim, a ɔne nnipa bi te sɛ Rafael Nadal ne Novak Djokovic a wɔn nso bɔ tennis no bi, a yɛtae twa no tia frɛ wɔn sɛ the Big Three na afoforɔ mpo hu wɔn mmiensa sɛ wɔn na ɛfiri sɛ tennis bae nyinaa wɔnim bɔ paa ara kyɛn obiara.
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tennis dwumadie baako a yɛfrɛ no sɛ Wimbledon junior a ɛyɛ mmɔfra na wɔbɔ no, wɔ afe 1998 mu no, Federer dii nkunim gyee ne Grand Slam singles abɔdin a na ɛdikan wɔ Wimbledon. Wɔ afe mpem mmienu ne mmiensa mu (2003) berɛ a na wadi mfie aduonu baako (21).[2] Wɔ afe mpem mmienu ne nan mu no (2004), ɔgyee tennis kruwa no ahodoɔ mmiensa firiiɛ nan a wɔsii akan wɔ mu no mu ɛna ɔsane nso kɔɔ ATP Finals, ɔtoaa mmɔdemmɔ no so wɔ afe mpem mmienu ne nsia ne nson mu (2006 and 2007).
Ɛfiri afe mpem mmienu ne num mu de kɔsi mpem mmienu ne du mu no, (2005 to 2010), Federer kɔɔ tennis akansie ahodoɔ du nkron a ɛmu duwɔtwe na ɔkɔ duruu dwumadie no awieɛ a yɛka no sɛ finals no (18 out of 19 major singles finals).