From Wikipedia, the free encyclopedia
Truong Tan Sang(pronounciation of "Truong Tan Sang" (help·info)) (wɔwoo no ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron,21st feb.,1949)[1] yε Vietnam amanyɔni, a ɔno na ɔtɔ so nson a ɔsomm wɔ Vietnam firi mfeɛ mpem mmienu ne du baako dekɔɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nsia mu(2011-2016).Na ɔyɛ prime minister Nguyěn Tan Dung ne amanyɔkuo Nguyen Phú Trong twerɛtwerɛfoɔ akyire no na ɔka Vietnam mpaninfoɔ no ho.[2] Wɔ Kitawonsa bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (July,2011) mu no, National Assembly of Vietnam maa wɔtoo Truong Tã́n Sang so aba yii no sɛ Socialist Republic Vietnam manpanin na adikanfoɔ a ɛdiikan tenaa akonnwa no so baako a wɔfrɛ no Nguyen Minh Triet ɔkɔ ahomegyeɛ yii no.
His Excellency Trương Tấn Sang | |
---|---|
7th President of Vietnam | |
Bere 25 July 2011 – 2 April 2016 | |
Prime Minister | Nguyễn Tấn Dũng |
Manpanyin Abɛdiakyire | Nguyễn Thị Doan |
Odikanfo | Nguyễn Minh Triết |
Ananmusini | Trần Đại Quang |
Member of the National Assembly | |
Bere 22 May 2011 – 22 May 2016 | |
Odikanfo | Nguyễn Minh Triết |
Ananmusini | Trần Đại Quang |
Mpɛsoa | Ho Chi Minh City |
Executive Secretary of the Communist Party | |
Bere May 2006 – 3 August 2011 | |
Odikanfo | Phan Dien |
Ananmusini | Lê Hồng Anh |
Head of the Party Central Committee Economic Commission | |
Bere January 2000 – January 2003 | |
Odikanfo | Nguyễn Tấn Dũng |
Ananmusini | Vương Đình Huệ |
Secretary of the Ho Chi Minh City Party Committee | |
Bere June 1996 – January 2000 | |
Odikanfo | Vo Tran Chi |
Ananmusini | Nguyễn Minh Triết |
Chair of the Ho Chi Minh City People's Committee | |
Bere March 1992 – July 1996 | |
Odikanfo | Nguyen Vinh Nghiep |
Ananmusini | Vo Viet Thanh |
President of the Vietnam Red Cross Society | |
Bere 5 July 2012 – 16 August 2017 | |
Odikanfo | Trần Đức Lương |
Ananmusini | Trần Đại Quang |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | 21 January 1949 Đức Hòa District, Long An, French Indochina |
Amanyɔkuo | Communist Party of Vietnam (1969–2016) |
Nehokani | Mai Thị Hạnh |
Sukuu a w'akɔ | National Academy of Public Administration |
Truong Tan Sang bɛyɛɛ communist amanyɔkuo a ɛwɔ Vietnam a na Nguyen Phú Trong yɛ amanyɔkuo no twerɛtwerɛfoɔ wieeɛ no wɔyii no sɛ ɔno na ɔtɔ so mmienu, kuo bi a ɛtenetene nnipa tirimpɔ.Sang ayɛ Central Politburo ekuoba, executive Committee ma Communist amanyɔkuo firi afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996)[3]. Na ɔyɛ communist amanyɔkuo twerɛtwerɛfoɔ ma Ho Chi Minh City firi afe apem ahankron ne aduokron nsia dekɔ mfeɛ mpem mmienu (1996-2000).Ɔtuu mpɔ kɔɔ n'anim bɛdaa mmienu wɔ National party slɔt so wɔ Ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron(oct.,2009).[4] Na ntawantawa da Truong Tan Sang ne Prime minister Nguyěn Tan Dung ntam nanso nnipakuo bi a na ɛwɔ amanyɔkuo nom tae wɔn akyi.[5]
Wɔ National Communist amanyɔkuo a ɛwɔ Vietnam congress a ɛtɔ so du baako mu wɔ ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (Jan,2011) mu no,wɔyii Truong Tan Sang sɛ ɔmanpanyin ma Socialist Republic of Vietnam ɛna National Assembly gye tomm wɔ Kitawonsa bosome da a ɛtɔ so aduonu num wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du baako (25 July,2011) mu.Saa da no ɔdii Nguyen Minh Triet adeɛ. Saa da noa ɔsusuu sɛ Nguyen Tan Dung mmɛyɛ nnipa foforɔ ma head of government.
Wɔwoo Truong Tan Sang wɔ ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nkron (21 Jan., 1949), wɔ Duc Hoa mansin wɔ Long An Province.[6]
Wɔ afe apem ahankron ne aduosia nsia mu no Truong Tan Sang de ne ho kɔkaa revolution ho. Firi afe apem ahankron ne aduosia nsia dekɔ afe apem ahankron ne aduosia nkron (1966-1969) mu no ɔbɛyɛɛ Youth-student movement PK panin a ɔdi wɔnso. Firi afe apem ahankron ne aduosia nkron dekɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1969-1971) mu no, naTruong Tan Sang yɛ ekuoba wɔ amanyɔkuo no committee nom, ɔtwerɛtwerɛfoɔ ma mmabunu kuo no, ɔno na ɔhwɛ the secret guerrilla kuo a ɛwɔ Duc Hoa mansin wɔ Long An Province. Tuong Tan Sang kɔkaa Communist amanyɔkuo a ɛwɔ Vietnam wɔ ɔpɛnimaa bosome da no ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron aduosia nkron (20 December 1969).[7]
South Vietnamese aban kyee no tom wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako (1971) na wɔde no tomm wɔ Phú Quoc.Wɔyii no firii afiase wɔ Paris Treaty pɛn so wɔ afe apem ahannson mmiɛnsa (1973) Ɔnyaa ne bahyila of Law degree wɔ afe apem ahankron ne aduokron mu (1990) firi National Academy of Public Administration hɔ.[8]
Ɛfiri afe apem ahankron ne aduowɔtwe mmiɛnsa dekɔ aduowɔtwe nsia (1983-86) mu no, Tuong Tan Sang dii Ho Chi Minh City (HCMC)Forestry Département so,saa nso na ɔdii kuro no Economic Zone Development Département so[9]. Wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia (1986) mu no, wɔbɔɔ no aba ma no kɔɔ Standing Board of City Party committee.[10] Ɔbɛyɛɛ ekuoba wɔ National Party Central Committee wɔ afe apem ahankron ne aduokron baako (1991).[11] Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) mu no, ɔbɛyɛɛ Chairman maa HCMC, na ɔtɔ so mmienu wɔ kuro no aban no mu.[8] Ɔde ne ho kɔbɔɔ Politburo wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) sɛ ekuoba a ɔtɔ so du nan(14th).[12] Na ɔyɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ ma HCMC amanyɔkuo no, diberɛ kɛseɛ a ɛwɔ aban mu wɔ kuro nom, firi afe apem ahankron ne aduokron nsia dekɔ si mfeɛ mpem mmienu (1996-2000).[13] Wɔbɔɔ nabaso kɔɔ diberɛ a ɛtɔ so du(10th) wɔ National Party wɔ congress bi ase wɔ Oforisuo bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako(April 2001). Wɔsane yii no sɛ ɔnni Party economic Commission saa berɛ no.[14]
Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu no(2003), wɔtwerɛ no sane sɛ aberɛ a na ɔdi City government so no wanntumi anni Nam Fam aporɔ a ɔkɔdii no yiee.[15] Wɔbɔɔ Sang abaso kɔɔ diberɛ a ɛtɔ so num wɔ amanyɔkuo nom wɔ congress bi ase wɔ Oforisuo bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia(April,2006).[16] Wɔ saa congress no ase no, wɔsane yii no sɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ ma amanyɔkuo no atwereɛ, diberɛ a ekuomma ne amanyɔkuo no mu nsɛm.[7]
Truong Tan Sang waree Mai Thi Hanh(a wɔwoo no afe apem ahankron ne aduonum nsia),[17] a na ɔyɛ ɔbaa a ɔdikan a ɔsomm ceremonial function wɔ Vietnam. Wɔwɔ ɔbabarima baako a wɔfrɛ no Truong Tan Son(wɔwoo no afe apem ahankron ne aduowɔtwe nan(1984).[18]
Seamless Wikipedia browsing. On steroids.
Every time you click a link to Wikipedia, Wiktionary or Wikiquote in your browser's search results, it will show the modern Wikiwand interface.
Wikiwand extension is a five stars, simple, with minimum permission required to keep your browsing private, safe and transparent.