Adeline Akufo-Addo

From Wikipedia, the free encyclopedia

Remove ads

Na Adeline Sylvia Eugenia Ama Yeboakua Akuffo -Addo (née Nana Yeboakua Ofori-Atta; ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so du nson wɔ afe apem ahankron ne du nson dekɔ ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu(17 Dec,1917-21march,2004) yɛ GhanaƆmanpanin Edward Akufo Addo yere wɔ kwasafoman a ɛtɔ so mmienu ɛna Nana Akufo Addo maame.

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nkyerɛkyerɛmu pii bɔbeasu, ɔman a ofiri mu ...
Adelin Akuffo Addo

Ɔwui wɔ Korle-Bu ayaresabea a ɛwɔ nkranɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu(21 March, 2004), a na wadi mfeɛ aduowɔtwe nsia(86years).[1]

Remove ads

N'abrabɔ


Nana Sir Ofori Atta I, a ɔyɛ Akyem Abuakwa ɔmanhene ne Agnes Akosua Dodua aɔwɔ Abomosu na ɔwoo no,[1]na ɔyɛ Abontendomhene( ɔhemaa ma Ofori Panin Fie adehyefie wɔ Kyebi). Ne saa nti wɔfrɛɛ no Nana Yeboakua Ofori-Atta.[2][3]

Ne nuabaa panin ne Sudan Ofori-Atta, Dɔkota baa a ɔdikan a ɔfiri sika mpoano. [4][5][6][7]Adeline Akuffo-Addo nuabarima panin ne William Ofori-Atta, sika mpoano amanyɔni ne mmaranimnii, ɛnkane ɔsoafoɔ a ɔhwɛ aburokyire nsɛm so, na ɔka wɔn a wɔkɔfaa amanyɔkuo United Gold Coast Convention (UGCC) baeɛ no ho ɛna na ɔsane nso ka "The big six" no ho, amanyɔfoɔ kuo bi a British colonia aban kyee wɔn aberɛ a afe apem ahankron ne aduanan nnwɔtwe riot a ɛwɔ nkran siiɛ no, a na wɔrepere anya faahodie ama ɔman Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson. Ne nua barima baako nso ne Kofi Asante Ofori-Atta, Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ tete aban so wɔ akokɔ amanyɔkuo convention people's party wɔ Kwame Nkrumah aban mu ɛna akyire ɔbɛyɛɛ ɔkasafoɔ maa Ghana mmarahyɛbedwam.[8]

Remove ads

Ne wuo

Owurayere Akuffo Addo wui wɔ ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu baako, a na wadi mfeɛ aduowɔtwe nsia. Ɛnam sɛ na ɔyɛ Abontendomhene hemaa ma Ofori Panin Fie a ɛwɔ Kyebi nti, wɔsiee no bɛn ne kunu amu ho wɔ Akropong-Akuapem, ɛnam sɛ wɔn mmienu na ɛka bom sɛ wɔnyɛ wɔn saa nti.[9]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

Loading related searches...

Wikiwand - on

Seamless Wikipedia browsing. On steroids.

Remove ads