Akwasi Osei-Adjei

From Wikipedia, the free encyclopedia

Remove ads

Akwasi Osei-Adjei (wɔwoo no Ɔpɛnimaa 27, 1949) yɛ Ghana mmarahyɛ baguamuni. Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuw no mu ni.[1] Ɔsom sɛ mmarahyɛ baguamuni ma Ejisu-Juaben mpɛsua wɔ Asante mantam mu.[2]

Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Nhwehwemu ntem Hon., Member of Parliament for Ejisu-Juaben Constituency ...
Remove ads

Amanyɔsɛm

Osei-Adjei dii nkonim wɔ Ghana 2005 abatow no mu.[1][2] Ɔsan gyinaa wɔ Ghana abatow mu mpɛn anum na ɛno nso odii nkonim. Wɔ 2003 no, na ɔyɛ Ghana Ɔsoafo Abadiakyiri ma Aguadi ne Nnwuma. Ɔbɛyɛɛ Ghana Ɔsoafo a ɔhwɛ Amanɔne Nsɛm so fi Kitawonsa 2007 kosi Ɔgyefuo 2009.[3]

Abatow

Osei-Adjei bɛyɛɛ mmrahyɛ baguamuni ma Ejisu-Juaben mpɛsua wɔ Asante mantam bere a edi kan wɔ Ghana 1996 abatow mu. Ɔde mma 45,648 mu 34,521 na edii nkonim. Eyi gyina hɔ ma mma no mu 63.20%.[4][5]

Wɔ 2000 no, ɔsan dii nkonim wɔ Ghana abatow mu. Na ne mpesua ka mpɛsua 31 a New Patriotic Party nyaa wɔ Asante Mantam wɔ saa abatow no mu.[2][4] New Patriotic Party nyaa mma 42,605 mu 33,128 na wɔde dii nkonim.[2][4] Eyi gyina hɔ ma mma a wɔtow no mu 78.8%. Osei-Adjei dii Adamu B. Jibreel a ogyina maa Peoples' National Convention, Kwasi Adusei a ogyina maa National Democratic Congress, George M. Osei a ogyina maa National Reformed Party ne Kwasi Baidoo a ɔno nso gyinaa hɔ maa Convention People's Party. Eyi nyaa mma 7,262, 829, 422 ne 420 a egyina hɔ ma mma no mu 17.3%, 2%, 1% ne 1%.[2][4]

Wɔsan too aba maa Osei-Adjei wɔ Ghana 2004 abatow mu.[2][4] Na ne mpesua ka mpɛsua 36 a New Patriotic Party nyaa wɔ Asante Mantam wɔ saa abatow no mu. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛ bagua nkongua 230 mu 128 wɔ saa abatow yi mu.[2][4][6] Ɔde mma 64,459 mu 50,396 na edii nkonim. Eyi gyina hɔ ma mma no mu 62.9%.[2][7] Osei-Adjei dii Kaba Abraham Hirohito Younti a ogyina maa Peoples’ National Convention, Anima Wilson a ogyina maa National Democratic Congress ne Kwasi Baidoo a ogyina maa Convention People's Party wɔ abatow no mu so nkonim.[7] Eyi mma 1,375, 11,058 ne 1,630 wɔ abatow no mu a egyina hɔ ma mma no mu 2.1%, 17.2% ne 2.5%.[2][4]

Remove ads

Beae a menyaa nsem no fii

Loading related searches...

Wikiwand - on

Seamless Wikipedia browsing. On steroids.

Remove ads